Psalms 92

Ayeyi dwom

1Eye sɛ wɔda wo Awurade ase na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam,
O Ɔsorosoro Nyankopɔn;
2na wɔpae mu ka wo dɔ a wowɔ daa no anɔpa biara na wɔaka wo nokware nso ho asɛm anadwo biara
3wɔ sanku a hama gu so ne sanku dwom mu.
4Wo nneyɛe akɛse no,
O Awurade, ma mʼani gye; esiane nea woayɛ nti, meto dwom ma me ho sɛpɛw me.
5 Awurade, wo nneyɛe di mu na wo nyansa nso mu dɔ!
6Eyi yɛ biribi a ɔkwasea ntumi nhu; ogyimifo ntumi nte ase.
7Amumɔyɛfo benyin sɛ wura, nnebɔneyɛfo bɛkɔ so nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa,
8efisɛ, wo Awurade, woyɛ otumfoɔ daa daa.
9Yenim sɛ wʼatamfo bewuwu na wɔadi amumɔyɛfo nyinaa so.
10Woama manya ahoɔden te sɛ torɔm na woahyira me ama manya ahotɔ.
11Mahu nkogu a mʼatamfo adi, ate osu a amumɔyɛfo resu.
12Atreneefo no bɛkɔ so sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida dua.
13Wɔte sɛ nnua a wɔadua wɔ Awurade fi a enyin wɔ Onyankopɔn fi
14a, ɛsow aba ne nyin mu na daa eye na ɛwɔ ahoɔden.
15Eyi kyerɛ sɛ,
Awurade yɛ ɔnokwafo, enti nea ɛnteɛ biara nni me hwɛfo ho.
Copyright information for TwiNAK